transcription
stringlengths 8
162
| audio
audioduration (s) 1.52
15.3
|
---|---|
Na woama nkuro ase ahye.
| |
Na wɔn ho nkaeɛ ayera.
| |
Na AWURADE deɛ, ɔte n’ahennwa so daa.
| |
ɔde n’adwa asi hɔ rebu atɛn.
| |
Ɔno na ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu.
| |
Na wadi aman asɛm tenenee mu.
| |
AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no.
| |
Ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.
| |
Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so.
| |
ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.
| |
Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion.
| |
Monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu.
| |
Sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn.
| |
Na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.
| |
AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amaneɛ a ɛfiri m’atamfoɔ.
| |
Wo a woma me so firi owuo aboboano.
| |
Na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ.
| |
Sion babaa aponkɛseɛ mu.
| |
Na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.
| |
Amanaman amemmem amena a wɔtuiɛ no mu.
| |
Afidie a wɔsum huntaeɛ no ayi wɔn nan.
| |
AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn.
| |
ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.
| |
Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando.
| |
Amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.
| |
Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani.
| |
Na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.
| |
AWURADE, sɔre, mma ɔdasani nnni nim.
| |
Ma wɔmmu amanaman atɛn w’anim.
| |
AWURADE, yi wɔn hu.
| |
Na amanaman nhunu sɛ wɔyɛ adasamma.
| |
AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri.
| |
Na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?
| |
Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no.
| |
Wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.
| |
Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho.
| |
Na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.
| |
Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho.
| |
Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.
| |
N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa.
| |
W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri.
| |
ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.
| |
Ɔse no n’akomam sɛ: Merenhinhim da.
| |
daa nyinaa merenhyia amaneɛ biara.
| |
Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma.
| |
Na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.
| |
Ɔtetɛ nsumaeɛ mu.
| |
ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam.
| |
ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.
| |
Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu.
| |
ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni
| |
Ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.
| |
Ɔkoto, ɔdɛɛdɛɛ.
| |
Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi.
| |
ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.
| |
Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so.
| |
Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.
| |
Adɛn nti na ɔbɔnefoɔ yi Onyankopɔn ahi.
| |
Ka no n’akomam sɛ: Worentwe m’aso?
| |
Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ.
| |
Sɛ wode bɛsie wo nsam.
| |
Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ.
| |
Awisiaa boafoɔ ne wo ara.
| |
Bubu abɔnefoɔ basa.
| |
Na di obusuyɛfoɔ bɔne akyi kɔsi sɛ worenhunu bio.
| |
AWURADE ne hene daa daa.
| |
Amanaman ayera afiri n’asase so.
| |
AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ.
| |
Woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so.
| |
Sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm.
| |
Na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.
| |
AWURADE na medwane kɔtoa no.
| |
Adɛn na mose me kra sɛ.
| |
Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.
| |
Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu.
| |
Wɔde wɔn mmɛmma asi homa so.
| |
Sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu.
| |
Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a.
| |
ɔteneneeni bɛyɛ dɛn?
| |
AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu.
| |
AWURADE ahennwa wɔ soro.
| |
N’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.
| |
AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ.
| |
Na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ.
| |
Ne kra tane no.
| |
Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ.
| |
Ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ.
| |
Ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.
| |
Na AWURADE yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ asɛntenenee.
| |
Wɔn a wɔtene bɛhunu n’anim.
| |
O AWURADE, boa na ahotefoɔ rewie sa.
| |
Na nokwafoɔ ase rehye nnipa mma mu.
| |
Biara twa ne yɔnko nkontompo.
| |
Ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.
| |
Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa.
| |
Ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ.
| |
Wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm.
| |
Yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?
| |
Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni.
| |
Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye.
|
Subsets and Splits
No community queries yet
The top public SQL queries from the community will appear here once available.